Psalms 13

Dawid dwom.


1 Awurade enkosi da bɛn? Wo werɛ befi me afebɔɔ ana?
Enkosi da bɛn na wode wʼanim behintaw me?

2 Enkosi da bɛn na mene mʼadwennwene bedi aperepere
na awerɛhow ahyɛ me koma mu daa?
Mʼatamfo nni me so nkonim nkosi da bɛn?


3 Twa wʼani hwɛ me na bua me, Awurade, me Nyankopɔn.
Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owu nna.

4 Me tamfo bɛka se, “Madi ne so nkonim.”
Na mʼahohiahiafo bedi ahurusi bere a mahwe ase.


5 Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so;
me koma di ahurusi wɔ wo nkwagye mu.

Mɛto dwom ama Awurade,
efisɛ ɔne me adi no yiye.

Wɔde ma dwonkyerɛfo no.

6
Copyright information for TwiAKNA